Mmɛbusɛm 28:14
Proverbs 28:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa, nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.
Proverbs 28:14 in English
Proverbs 28:14 · Berean Standard Bible
Blessed is the man who is always reverent,* but he who hardens his heart falls into trouble.
Context
12Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;
nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta. 13Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,
na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ. 14Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa,
nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu. 15Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no
te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ. 16Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,
na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.