Native Bible

Proverbs 28:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afidie mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.

Proverbs 28:10 in English

Proverbs 28:10 · Berean Standard Bible

He who leads the upright along the path of evil will fall into his own pit, but the blameless will inherit what is good.

Context

8Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ. 9Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ. 10Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afidie mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ. 11Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ. 12Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii; nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.