Mmɛbusɛm 27:12
Proverbs 27:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta, nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
Proverbs 27:12 in English
Proverbs 27:12 · Berean Standard Bible
The prudent see danger and take cover; but the simple keep going and pay the penalty.
Context
10Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,
na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri. 11Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;
ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa. 12Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,
nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu. 13Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;
sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa. 14Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,
wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.