Native Bible

Proverbs 25:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ, na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a ɛdeɛn na wobɛyɛ?

Proverbs 25:8 in English

Proverbs 25:8 · Berean Standard Bible

do not bring hastily to court. Otherwise, what will you do in the end when your neighbor puts you to shame?

Context

6Mma wo ho so wɔ ɔhene anim, na mpere diberɛ wɔ atitire mu; 7Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,” sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim. Deɛ wode wʼani ahunu no 8mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ, na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a ɛdeɛn na wobɛyɛ? 9Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a nna obi foforɔ ahintasɛm adi, 10anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.