Mmɛbusɛm 25:21
Proverbs 25:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.
Proverbs 25:21 in English
Proverbs 25:21 · Berean Standard Bible
If your enemy is hungry, give him food to eat, and if he is thirsty, give him water to drink.
Context
19Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye
te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu. 20Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no
te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu
anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ. 21Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;
sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom. 22Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi,
na Awurade bɛma wo akatua. 23Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no,
saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.