Native Bible

Proverbs 24:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea; wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

Proverbs 24:7 in English

Proverbs 24:7 · Berean Standard Bible

Wisdom is too high for a fool; he does not open his mouth in the meeting place.

Context

5Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso, na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu; 6deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ, deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii. 7Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea; wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka. 8Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ. 9Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne, nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.