Native Bible

Proverbs 24:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Menante faa onihafoɔ afuo ho twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;

Proverbs 24:30 in English

Proverbs 24:30 · Berean Standard Bible

I went past the field of a slacker and by the vineyard of a man lacking judgment.

Context

28Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee, na mfa wʼano nnaadaa. 29Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.” 30Menante faa onihafoɔ afuo ho twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho; 31nkasɛɛ afu wɔ baabiara, wira afu akata asase no so, na aboɔ afasuo no nso abubu. 32Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so na mesuaa biribi firii mu:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.