Mmɛbusɛm 24:29
Proverbs 24:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”
Proverbs 24:29 in English
Proverbs 24:29 · Berean Standard Bible
Do not say, “I will do to him as he has done to me; I will repay the man according to his work.”
Context
27Wie wo mfikyidwuma
na siesie wo mfuo;
ɛno akyi, si wo fie. 28Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,
na mfa wʼano nnaadaa. 29Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;
deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.” 30Menante faa onihafoɔ afuo ho
twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho; 31nkasɛɛ afu wɔ baabiara,
wira afu akata asase no so,
na aboɔ afasuo no nso abubu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.