Mmɛbusɛm 24:11
Proverbs 24:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa; na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.
Proverbs 24:11 in English
Proverbs 24:11 · Berean Standard Bible
Rescue those being led away to death, and restrain those stumbling toward the slaughter.
Context
9Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne,
nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ. 10Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a,
na wʼahoɔden sua! 11Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;
na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ. 12Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,”
deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?
Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?
Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa? 13Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;
ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.