Native Bible

Proverbs 23:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no, na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia.

Proverbs 23:22 in English

Proverbs 23:22 · Berean Standard Bible

Listen to your father who gave you life, and do not despise your mother when she is old.

Context

20Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoɔ anaasɛ wɔn a wɔpɛ ɛnam mmorosoɔ, 21ɛfiri sɛ, akɔwensafoɔ ne adidibradafoɔ bɛyɛ ahiafoɔ, na anikum fira wɔn ntomago. 22Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no, na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia. 23Tɔ nokorɛ na ntɔn da; nya nyansa, ahohyɛsoɔ ne nhunumu. 24Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree; deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.