Native Bible

Proverbs 22:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku; deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.

Proverbs 22:14 in English

Proverbs 22:14 · Berean Standard Bible

The mouth of an adulteress is a deep pit; he who is under the wrath of the LORD will fall into it.

Context

12Awurade ani wɛn nimdeɛ, na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm. 13Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!” anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.” 14Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku; deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu. 15Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho, nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri. 16Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.