Mmɛbusɛm 22:13
Proverbs 22:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!” anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.”
Proverbs 22:13 in English
Proverbs 22:13 · Berean Standard Bible
The slacker says, “There is a lion outside! I will be slain in the streets!”
Context
11Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam
bɛnya ɔhene afa no adamfo. 12Awurade ani wɛn nimdeɛ,
na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm. 13Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!”
anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.” 14Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku;
deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu. 15Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho,
nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.