Native Bible

Proverbs 21:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.

Proverbs 21:3 in English

Proverbs 21:3 · Berean Standard Bible

To do righteousness and justice is more desirable to the LORD than sacrifice.

Context

1Ɔhene akoma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ. 2Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari akoma. 3Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ. 4Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma, ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne! 5Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.