Mmɛbusɛm 21:29
Proverbs 21:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.
Proverbs 21:29 in English
Proverbs 21:29 · Berean Standard Bible
A wicked man hardens his face,* but the upright man makes his way sure.
Context
27Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,
ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho. 28Adansekurumdini bɛyera,
na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no. 29Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm
na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho. 30Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a
ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade. 31Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da,
nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.