Mmɛbusɛm 21:27
Proverbs 21:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
Proverbs 21:27 in English
Proverbs 21:27 · Berean Standard Bible
The sacrifice of the wicked is detestable— how much more so when brought with ill intent!
Context
25Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no,
ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ. 26Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree,
nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho. 27Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,
ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho. 28Adansekurumdini bɛyera,
na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no. 29Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm
na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.