Native Bible

Proverbs 21:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ, na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.

Proverbs 21:18 in English

Proverbs 21:18 · Berean Standard Bible

The wicked become a ransom for the righteous, and the faithless for the upright.

Context

16Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu. 17Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani; deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da. 18Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ, na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ. 19Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena. 20Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma, nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.