Mmɛbusɛm 21:16
Proverbs 21:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.
Proverbs 21:16 in English
Proverbs 21:16 · Berean Standard Bible
The man who strays from the path of understanding will rest in the assembly of the dead.
Context
14Kokoam adekyɛ dwodwo akoma,
kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ. 15Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye
nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ. 16Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no
bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu. 17Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani;
deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da. 18Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ,
na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.