Mmɛbusɛm 19:9
Proverbs 19:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.
Proverbs 19:9 in English
Proverbs 19:9 · Berean Standard Bible
A false witness will not go unpunished, and one who pours out lies will perish.
Context
7Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no,
na saa ara na ne nnamfonom po no!
Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw,
nanso ɔnhunu wɔn baabiara. 8Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra;
deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ. 9Adansekurumni bɛnya asotwe,
na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera. 10Akɛsesɛm mfata ɔkwasea,
anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so! 11Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ;
sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.