Mmɛbusɛm 19:22
Proverbs 19:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ; ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.
Proverbs 19:22 in English
Proverbs 19:22 · Berean Standard Bible
The desire of a man is loving devotion; better to be poor than a liar.
Context
20Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu,
na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa. 21Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu,
nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu. 22Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ;
ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ. 23Awurade suro kɔ nkwa mu;
na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu. 24Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu
na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.