Mmɛbusɛm 17:5
Proverbs 17:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa; na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.
Proverbs 17:5 in English
Proverbs 17:5 · Berean Standard Bible
He who mocks the poor insults their Maker; whoever gloats over calamity will not go unpunished.
Context
3Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ
nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ. 4Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;
ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma. 5Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa;
na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe. 6Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,
na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa. 7Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea,
saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.