Native Bible

Proverbs 17:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ, na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.

Proverbs 17:25 in English

Proverbs 17:25 · Berean Standard Bible

A foolish son brings grief to his father and bitterness to her who bore him.

Context

23Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase de kyea atɛntenenee. 24Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so, na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano. 25Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ, na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea. 26Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso, anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti. 27Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.