Native Bible

Proverbs 17:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fie da.

Proverbs 17:13 in English

Proverbs 17:13 · Berean Standard Bible

If anyone returns evil for good, evil will never leave his house.

Context

11Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so. 12Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma sene ɔkwasea a ɔregyimie. 13Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fie da. 14Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka; enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma. 15Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no, Awurade kyiri ne mmienu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.