Native Bible

Proverbs 15:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ, nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.

Proverbs 15:28 in English

Proverbs 15:28 · Berean Standard Bible

The heart of the righteous ponders how to answer, but the mouth of the wicked blurts out evil.

Context

26Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ. 27Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa. 28Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ, nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne. 29Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ. 30Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.