Mmɛbusɛm 15:27
Proverbs 15:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.
Proverbs 15:27 in English
Proverbs 15:27 · Berean Standard Bible
He who is greedy for unjust gain brings trouble on his household, but he who hates bribes will live.
Context
25Awurade sɛe ɔhantanni fie
na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ. 26Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ,
nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ. 27Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua,
nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa. 28Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ,
nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne. 29Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa
nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.