Mmɛbusɛm 13:22
Proverbs 13:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom, na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.
Proverbs 13:22 in English
Proverbs 13:22 · Berean Standard Bible
A good man leaves an inheritance to his children’s children, but the sinner’s wealth is passed to the righteous.
Context
20Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa,
na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane. 21Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi,
na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua. 22Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom,
na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni. 23Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii,
nanso ntɛnkyea pra kɔ. 24Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba,
na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.