Mmɛbusɛm 10:30
Proverbs 10:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da, nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.
Proverbs 10:30 in English
Proverbs 10:30 · Berean Standard Bible
The righteous will never be shaken, but the wicked will not inhabit the land.
Context
28Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba,
nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee. 29Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni,
nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne. 30Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da,
nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so. 31Nyansa firi teneneeni anom ba
nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene. 32Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata
na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.