Mmɛbusɛm 10:14
Proverbs 10:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anyansafoɔ kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
Proverbs 10:14 in English
Proverbs 10:14 · Berean Standard Bible
The wise store up knowledge, but the mouth of the fool invites destruction.
Context
12Ɔtan hwanyan mpaapaemu,
nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so. 13Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom,
na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi. 14Anyansafoɔ kora nimdeɛ,
nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ. 15Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,
nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ. 16Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn,
na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.