Mmɛbusɛm 1:20
Proverbs 1:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nyansa team wɔ mmɔntene so, ɔma ne nne so wɔ adwaberem,
Proverbs 1:20 in English
Proverbs 1:20 · Berean Standard Bible
Wisdom calls out in the street, she lifts her voice in the square;
Context
18Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya;
wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho! 19Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ;
ɛma wɔhwere wɔn nkwa! 20Nyansa team wɔ mmɔntene so,
ɔma ne nne so wɔ adwaberem, 21ɔteaam wɔ afasuo no atifi,
ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ, 22“Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn?
Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn?
Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.