Native Bible

Proverbs 1:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a, mma wɔn ho ɛkwan.

Proverbs 1:10 in English

Proverbs 1:10 · Berean Standard Bible

My son, if sinners entice you, do not yield to them.

Context

8Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ. 9Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire ne wo kɔn mu ntweaban. 10Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a, mma wɔn ho ɛkwan. 11Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ; ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi, ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi; 12ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda, yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.