Filemon 1:13
Philemon 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me.
Philemon 1:13 in English
Philemon 1:13 · Berean Standard Bible
I would have liked to keep him with me, so that on your behalf he could minister to me in my chains for the gospel.
Context
11Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo. 12Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn. 13Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me. 14Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so. 15Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.