Native Bible

Numbers 7:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

Numbers 7:13 in English

Numbers 7:13 · Berean Standard Bible

His offering was one silver platter weighing a hundred and thirty shekels,* and one silver bowl weighing seventy shekels,* both according to the sanctuary shekel and filled with fine flour mixed with oil for a grain offering;

Context

11Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼatenasebɔdeɛ bɛba afɔrebukyia no so.” 12Aminadab babarima Nahson a ɔfiri Yuda abusuakuo mu na ɔde nʼatenasebɔdeɛ baa ɛda a ɛdi ɛkan no. 13Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma. 14Afei, ɔde sikakɔkɔɔ adaka ketewa bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma baeɛ. 15Ɔde nantwinini ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.