Native Bible

Numbers 4:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

Numbers 4:39 in English

Numbers 4:39 · Berean Standard Bible

everyone from thirty to fifty years old who came to serve in the work at the Tent of Meeting.

Context

37Wɔyɛɛ yeinom nyinaa de dii Awurade ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ Mose no so. 38Wɔkan Gersonfoɔ no mmusua ne wɔn mmusuakuo. 39Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 40Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmienu ahansia ne aduasa. 41Enti na Gersonfoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.