4 Mose 4:24
Numbers 4:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie:
Numbers 4:24 in English
Numbers 4:24 · Berean Standard Bible
This is the service of the Gershonite clans regarding work and transport:
Context
22“Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no, 23firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so. 24“Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie: 25Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no. 26Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.