Native Bible

Numbers 4:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so.

Numbers 4:23 in English

Numbers 4:23 · Berean Standard Bible

from thirty to fifty years old, counting everyone who comes to serve in the work at the Tent of Meeting.

Context

21Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 22“Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no, 23firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so. 24“Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie: 25Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.