4 Mose 3:35
Numbers 3:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel, na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam.
Numbers 3:35 in English
Numbers 3:35 · Berean Standard Bible
The leader of the families of the Merarites was Zuriel son of Abihail; they were to camp on the north side of the tabernacle.
Context
33Na Merari asefoɔ no yɛ mmusua a wɔfiri Mahli ne Musi ase. 34Merarifoɔ mmusua no mu na mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu (6,200). 35Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,
na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam. 36Dwumadie a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuo mmienu yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no nnyinasoɔ so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpunan, nsisisoɔ ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma nyinaa. 37Afei, mpunan a ɛwɔ adihɔ hɔ nyinaa ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ne ntampehoma nyinaa, wɔbɛhwɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.