4 Mose 27:15
Numbers 27:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ,
Numbers 27:15 in English
Numbers 27:15 · Berean Standard Bible
So Moses appealed to the LORD,
Context
13Sɛ wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no, 14ɛfiri sɛ, wosɔre tiaa me mmara wɔ Sin ɛserɛ so hɔ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ wɔ nsuo no ho.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo “Akoeɛ” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so. 15Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, 16“Ao Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan 17a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.