Native Bible

Numbers 26:57 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie: Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.

Numbers 26:57 in English

Numbers 26:57 · Berean Standard Bible

Now these were the Levites numbered by their clans: The Gershonite clan from Gershon, the Kohathite clan from Kohath, and the Merarite clan from Merari.

Context

55Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so. 56Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.” 57Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie: Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari. 58Yeinom nso yɛ Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ, Hebronfoɔ, Mahlifoɔ, Musifoɔ ne Korafoɔ. Kohat yɛ Amram tete agya; 59Ɛberɛ a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.