Native Bible

Numbers 26:55 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so.

Numbers 26:55 in English

Numbers 26:55 · Berean Standard Bible

Indeed, the land must be divided by lot; they shall receive their inheritance according to the names of the tribes of their fathers.

Context

53“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ. 54Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa. 55Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so. 56Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.” 57Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie: Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.