4 Mose 25:12
Numbers 25:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti ka kyerɛ no sɛ, me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam.
Numbers 25:12 in English
Numbers 25:12 · Berean Standard Bible
Declare, therefore, that I am granting him My covenant of peace.
Context
10Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 11“Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana adwodwo mʼabufuo ano, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ mmɔden te sɛ me ara wɔ mʼanimuonyam ho, enti sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfoɔ nyinaa no, magyae. 12Enti ka kyerɛ no sɛ, me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam. 13Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ afebɔɔ, ɛfiri sɛ watwe me, ne Onyankopɔn, ho ninkunu wɔ Israelfoɔ mu de ayɛ mpata ama wɔn.” 14Ɔbarima a wɔkumm no ne Midiani ababaawa no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a ɔtua Simeon abusuakuo ano no babarima.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.