Native Bible

Numbers 20:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ Edom amma wɔn ɛkwan amma Israelfoɔ no amfa wɔn ɔman mu no enti, wɔmane faa nkyɛn.

Numbers 20:21 in English

Numbers 20:21 · Berean Standard Bible

So Edom refused to allow Israel to pass through their territory, and Israel turned away from them.

Context

19Israelfoɔ no buaa sɛ, “Owura, yɛbɛfa tempɔn no so. Sɛ yɛn ayɛmmoa nom mo nsuo a, yɛbɛtua ka. Yɛpɛ sɛ yɛtwam wɔ mo asase so na yɛnni adwemmɔne bi.” 20Nanso Edomhene buaa sɛ, “Mommfa yɛn asase so!” Ɔboaboaa nʼakodɔm ano de wɔn kɔɔ ɛhyeɛ no so. 21Esiane sɛ Edom amma wɔn ɛkwan amma Israelfoɔ no amfa wɔn ɔman mu no enti, wɔmane faa nkyɛn. 22Wɔfirii Kades kɔɔ Bepɔ Hor so. 23Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔ Hor a ɛwɔ Edom hyeɛ so sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.