4 Mose 16:10
Numbers 16:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ?
Numbers 16:10 in English
Numbers 16:10 · Berean Standard Bible
He has brought you near, you and all your fellow Levites, but you are seeking the priesthood as well.
Context
8Mose sane bisaa Kora sɛ, 9“Yi a Israel Onyankopɔn ayi wo afiri nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma, na wotumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no yɛ wo ade kumaa? 10Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ? 11Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?” 12Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.