4 Mose 16:12
Numbers 16:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ.
Numbers 16:12 in English
Numbers 16:12 · Berean Standard Bible
Then Moses summoned Dathan and Abiram, the sons of Eliab, but they said, “We will not come!
Context
10Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ? 11Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?” 12Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ. 13Wɔkaa sɛ, “Wosusu sɛ ɛyɛ asɛnketewa sɛ wode yɛn firi yɛn asase pa Misraim so de yɛn aba ɛserɛ so sɛ worebɛkum yɛn, na afei, wopɛ sɛ wodi yɛn so ɔhene? 14Afei, womfaa yɛn mmaa asase pa a wohyɛɛ yɛn ho bɔ no so, ɛnna nso wommaa yɛn asase biara a yɛnyɛ so adwuma. Hwan na worepɛ no abu no kwasea? Yɛremma”.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.