4 Mose 14:41
Numbers 14:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Mose kaa sɛ, “Aka akyi. Afei, morebu Awurade asɛm a ɔkaa sɛ monsane nkɔ ɛserɛ so no so.
Numbers 14:41 in English
Numbers 14:41 · Berean Standard Bible
But Moses said, “Why are you transgressing the commandment of the LORD? This will not succeed!
Context
39Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ hoeɛ. 40Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa sɛ, “Yɛahunu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.” 41Nanso, Mose kaa sɛ, “Aka akyi. Afei, morebu Awurade asɛm a ɔkaa sɛ monsane nkɔ ɛserɛ so no so. 42Monnkɔ sɛdeɛ moasusu no, anyɛ saa a, atamfoɔ no bɛdi mo so, ɛfiri sɛ, Awurade nni mo afa. 43Mo werɛ afiri sɛ Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ hɔ? Moapa Awurade enti ɔno nso bɛpa mo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.