4 Mose 12:9
Numbers 12:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ.
Numbers 12:9 in English
Numbers 12:9 · Berean Standard Bible
So the anger of the LORD burned against them, and He departed.
Context
7Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho.
Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ. 8Me ne no kasa animu ne animu,
kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo.
Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ.
Adɛn enti na moansuro
sɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?” 9Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. 10Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no, 11ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.