4 Mose 10:17
Numbers 10:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
Numbers 10:17 in English
Numbers 10:17 · Berean Standard Bible
Then the tabernacle was taken down, and the Gershonites and the Merarites set out, transporting it.
Context
15Wɔn a wɔdi so ne Isakar abusuakuo a Suar babarima Netanel na ɔdi wɔn anim. 16Sebulon abusuakuo na wɔdi hɔ a Helon babarima Eliab na ɔdi wɔn anim. 17Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu. 18Afei, Ruben abusuakuo tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur na na ɔdi wɔn anim. 19Wɔn a na wɔdi so ne Simeon abusuakuo a Surisadai babarima Selumiel na na ɔdi wɔn anim;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.