Native Bible

Numbers 1:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi,

Numbers 1:17 in English

Numbers 1:17 · Berean Standard Bible

So Moses and Aaron took these men who had been designated by name,

Context

15Naftali abusuakuo ntuanoni yɛ Enan babarima Ahira.” 16Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no. 17Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi, 18na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako 19sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai ɛserɛ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.