Native Bible

Nehemiah 8:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu sɛ wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so.

Nehemiah 8:5 in English

Nehemiah 8:5 · Berean Standard Bible

Ezra opened the book in full view of all the people, since he was standing above them all, and as he opened it, all the people stood up.

Context

3Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no. 4Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam. 5Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu sɛ wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so. 6Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam. 7Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.