Nehemia 8:3
Nehemiah 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no.
Nehemiah 8:3 in English
Nehemiah 8:3 · Berean Standard Bible
So Ezra read it aloud from daybreak until noon as he faced the square before the Water Gate, in front of the men and women and those who could understand. And all the people listened attentively to the Book of the Law.
Context
1ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no. 2Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim. 3Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no. 4Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam. 5Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu sɛ wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.