Nahum 1:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so bɛma Ninewe aba awieeɛ. Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.
Nahum 1:8 in English
Nahum 1:8 · Berean Standard Bible
But with an overwhelming flood He will make an end of Nineveh * and pursue His enemies into darkness.
Context
6Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano?
Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu?
Nʼabufuo hwie te sɛ ogya;
abotan yam wɔ nʼanim. 7Awurade yɛ,
ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.
Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so. 8Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so
bɛma Ninewe aba awieeɛ.
Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu. 9Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,
ɔbɛsɛe no;
ɔhaw biara remma ne mprenu so. 10Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho,
na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no
wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.