Nahum 1:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Ninewe, wo mu na deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade na ɔtu fo bɔne no firie.
Nahum 1:11 in English
Nahum 1:11 · Berean Standard Bible
From you, O Nineveh, comes forth a plotter of evil against the LORD, a counselor of wickedness.
Context
9Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,
ɔbɛsɛe no;
ɔhaw biara remma ne mprenu so. 10Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho,
na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no
wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano. 11Ao, Ninewe, wo mu na
deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade
na ɔtu fo bɔne no firie. 12Deɛ Awurade seɛ nie:
“Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ,
nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.
Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so,
nanso merenyɛ saa bio. 13Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu
na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.